Nnwom 19:1-10
Nkwa Asem
Onyankopɔn anuonyam wɔ abɔde mu
19 Ewim da Onyankopɔn anuonyam adi! Ɛkyerɛ nea wayɛ mu pefee! 2 Ɛda biara ka kyerɛ da a edi so; saa ara na anadwo biara nso yɛ. 3 Ɔkasa nni mu, na wɔnte nne nso, 4 nanso wɔn nne kɔ wiase mmaa nyinaa ma wɔte wɔ asase ano nyinaa. Onyankopɔn bɔɔ atenae wɔ wim maa owia; 5 epue anɔpa ahotɔ mu sɛ ayeforokunu; te sɛ mmirikatufo a ne ho pere no sɛ osi mmirikakane. 6 Ofiti ase wɔ wim ano baabi twa mu kɔ fa. Biribiara rentumi nhintaw ne ho mfi ne hyew no ase.
7 Awurade mmara yɛ pɛ; ɛma ahoɔden foforo. Awurade nsɛm hyɛ ma; ɛma wɔn a wonni nyansa no nyansa. 8 Awurade mmara yɛ trenee; wɔn a wodi so no ho tɔ wɔn. Awurade nsɛm no yɛ trenee; ɛma adwene ne ntease. 9 Ɔsom a wɔsom Awurade ye; ɛbɛkɔ so daa daa. Awurade atemmu yɛ trenee; ne nyinaa yɛ pɛ. 10 Ɛho hia sen sikakɔkɔɔ amapa; ɛyɛ dɛ sen ɛwo amapa.
Read full chapterAkuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.