Font Size
Nnwom 82
Nkwa Asem
Nnwom 82
Nkwa Asem
Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse
82 Onyankopɔn yɛ ɔsoro agyinatufo panyin. Anyame betwa hyia a, ɔno na obu atɛn se, 2 “Munnyae atɛnkyewbu; mummmu amumɔyɛfo atɛnkyew. 3 Mommɔ ahiafo ne akunafo yiyedi ho ban. Mummmu mo ani nngu ahiafo ne wɔn a wonni aboafo so. 4 Munnye wɔn mfi nnipa amumɔyɛfo tumi ase. 5 Nim a munnim ne nkwasea a moyɛ! Moadan nnebɔneyɛfo ama atɛntrenee ayera wɔ wiase! 6 Mekae se, “Moyɛ anyame; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma. 7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa; mo nkwa nna to betwa sɛ ɔhene ba biara.” 8 Bra, O Onyankopɔn, na bedi wiase so; aman nyinaa yɛ wo dea.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.