Font Size
Nnwom 120
Nkwa Asem
Nnwom 120
Nkwa Asem
Mmoa mpaebɔ
120 Bere a mewɔ ɔhaw mu no, mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so.
2 Awurade, gye me fi atorofo ne nnaadaafo nsam. 3 Mo atorofo, munim nea Onyankopɔn bɛyɛ mo? Munim asotwe a ɔbɛtwe mo? 4 Ɔde asraafo agyan a ano yɛ hwirenhwiren ne gyabiriw a adɔ kɔɔ!
5 Mo mu tena yɛ tan sɛ Mesek ne Kedar tena. 6 Me ne wɔn a wokyi asomdwoe atena akyɛ! 7 Meka asomdwoe ho asɛm a, wɔpere ɔko.
Nkwa Asem (NA-TWI)
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.