Nnwom 114
Nkwa Asem
Twam dwom
114 Bere a Israelfo fii Misraim na Yakob asefo fii ananafo asase so no, 2 Yuda bɛyɛɛ Awurade nkurɔfo kronkron na Israel bɛyɛɛ ɔno ankasa agyapade. 3 Ɛpo Kɔkɔɔ hui na oguanee. Yordan nso gyaee teɛ. 4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ mmirekyi na nkoko nso huruhuruwii sɛ nguan mma. 5 Dɛn na ɛbae na wo Po woreguan? Na wo Yordan nso, woagyae teɛ? 6 Mo mmepɔw nso, adɛn na muhuruhuruw sɛ mmirekyi? Na mo nkoko, adɛn nti na muhuruhuruw sɛ nguan mma? 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade ba no mu wɔ Yakob Nyankopɔn anim, 8 ɔno a ɔma abotan dan nsubura na abo dan nsuwa no.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.